Yesaia 38:17
Isaiah 38:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti na mekɔɔ saa ahoyera yi mu. Wo dɔ enti, wode me sieeɛ na mankɔ ɔsɛe amena mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
Isaiah 38:17 in English
Isaiah 38:17 · Berean Standard Bible
Surely for my own welfare I had such great anguish; but Your love has delivered me from the pit of oblivion, for You have cast all my sins behind Your back.
Context
15Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?
Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei.
Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu
me kra ahoyera yi enti. 16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa
na me honhom nso anya nkwa wɔ mu.
Wode mʼapɔmuden asane ama me.
Wonam so ama manya nkwa. 17Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti
na mekɔɔ saa ahoyera yi mu.
Wo dɔ enti, wode me sieeɛ
na mankɔ ɔsɛe amena mu;
na wode me bɔne nyinaa akyɛ me. 18Damena rentumi nkamfo wo;
owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom;
wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no
rentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio. 19Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo,
sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi;
agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛm
kyerɛ wɔn mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.