Native Bible

Isaiah 38:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ. Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”

Isaiah 38:14 in English

Isaiah 38:14 · Berean Standard Bible

I chirp like a swallow or crane; I moan like a dove. My eyes grow weak as I look upward. O Lord, I am oppressed; be my security.”

Context

12Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam, te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan. Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ, twa me firi asadua so; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. 13Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. 14Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ. Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!” 15Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti. 16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso anya nkwa wɔ mu. Wode mʼapɔmuden asane ama me. Wonam so ama manya nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.