Native Bible

Isaiah 38:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

Isaiah 38:13 in English

Isaiah 38:13 · Berean Standard Bible

I composed myself * until the morning. Like a lion He breaks all my bones; from day until night You make an end of me.

Context

11Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so. Merenhunu adasamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio. 12Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam, te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan. Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ, twa me firi asadua so; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. 13Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. 14Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ. Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!” 15Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.