Yesaia 32:9
Isaiah 32:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo mmaa a mogye mo ho die, monsɔre na montie me; mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!
Isaiah 32:9 in English
Isaiah 32:9 · Berean Standard Bible
Stand up, you complacent women; listen to me. Give ear to my word, you overconfident daughters.
Context
7Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ,
ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ
de atorɔ sɛe ohiani,
wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo. 8Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam
na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso. 9Mo mmaa a mogye mo ho die,
monsɔre na montie me;
mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ
monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka! 10Afe akyi nna kakra bi no
mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo;
bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ,
nnuaba no twaberɛ nso remma. 11Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die;
mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ!
Mompa mo ho ntoma
na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.