Native Bible

Isaiah 32:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso.

Isaiah 32:8 in English

Isaiah 32:8 · Berean Standard Bible

But a noble man makes honorable plans; he stands up for worthy causes.

Context

6Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na ɔdwene bɔne ho: ɔyɛ onyame akyiwadeɛ; ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne; ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no. 7Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ de atorɔ sɛe ohiani, wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo. 8Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso. 9Mo mmaa a mogye mo ho die, monsɔre na montie me; mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka! 10Afe akyi nna kakra bi no mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo; bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ, nnuaba no twaberɛ nso remma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.