Yesaia 32:5
Isaiah 32:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.
Isaiah 32:5 in English
Isaiah 32:5 · Berean Standard Bible
No longer will a fool be called noble, nor a scoundrel be respected.
Context
3Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no,
na obiara a ɔwɔ aso no bɛte. 4Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ,
wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ. 5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio
na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa. 6Ɔkwasea ka nkwaseasɛm
na ɔdwene bɔne ho:
ɔyɛ onyame akyiwadeɛ;
ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne;
ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane
ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no. 7Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ,
ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ
de atorɔ sɛe ohiani,
wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.