Yesaia 32:3
Isaiah 32:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no, na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.
Isaiah 32:3 in English
Isaiah 32:3 · Berean Standard Bible
Then the eyes of those who see will no longer be closed, and the ears of those who hear will listen.
Context
1Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu
na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so. 2Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabea
ne ahum mu dwanekɔbea,
wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam so
ne ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so. 3Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no,
na obiara a ɔwɔ aso no bɛte. 4Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ,
wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ. 5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio
na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.