Native Bible

Isaiah 32:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ ne mo bobe a ɛsoɔ no enti.

Isaiah 32:12 in English

Isaiah 32:12 · Berean Standard Bible

Beat your breasts for the pleasant fields, for the fruitful vines,

Context

10Afe akyi nna kakra bi no mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo; bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ, nnuaba no twaberɛ nso remma. 11Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die; mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ! Mompa mo ho ntoma na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu. 12Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ ne mo bobe a ɛsoɔ no enti. 13Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu. 14Wɔbɛgya aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ, deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.