Yesaia 32:13
Isaiah 32:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.
Isaiah 32:13 in English
Isaiah 32:13 · Berean Standard Bible
and for the land of my people, overgrown with thorns and briers— even for every house of merriment in this city of revelry.
Context
11Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die;
mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ!
Mompa mo ho ntoma
na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu. 12Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ
ne mo bobe a ɛsoɔ no enti. 13Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa.
Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu. 14Wɔbɛgya aban no hɔ,
na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;
abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ,
deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea, 15kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so,
na anweatam bɛdane asase bereɛ
na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.