Yesaia 30:9
Isaiah 30:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.
Isaiah 30:9 in English
Isaiah 30:9 · Berean Standard Bible
These are rebellious people, deceitful children, children unwilling to obey the LORD’s instruction.
Context
7de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.
Enti mefrɛ no
Rahab, deɛ Ɔnka Hwee. 8Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn
krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so
sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no
ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 9Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,
mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ. 10Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ,
“Monnhunu mo ani so adeɛ bio!”
ne adiyifoɔ no nso sɛ,
“Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio!
Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn,
monhyɛ nnaadaa nkɔm. 11Momfiri saa tempɔn yi so,
mommane mfiri saa kwan yi ho
na monnyae Israel Kronkronni
a mode no ha yɛn yi!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.