Yesaia 30:7
Isaiah 30:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ. Enti mefrɛ no Rahab, deɛ Ɔnka Hwee.
Isaiah 30:7 in English
Isaiah 30:7 · Berean Standard Bible
Egypt’s help is futile and empty; therefore I have called her Rahab Who Sits Still.*
Context
5nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase
nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti.
Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma,
na mmom animguaseɛ ne ahohora.” 6Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho:
wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,
deɛ agyata ne agyatabereɛ,
ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ.
Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu
ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so,
de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so, 7de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.
Enti mefrɛ no
Rahab, deɛ Ɔnka Hwee. 8Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn
krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so
sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no
ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 9Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,
mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.