Yesaia 3:16
Isaiah 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye.
Isaiah 3:16 in English
Isaiah 3:16 · Berean Standard Bible
The LORD also says: “Because the daughters of Zion are haughty— walking with heads held high and wanton eyes, prancing and skipping as they go, jingling the bracelets on their ankles—
Context
14Awurade bu atɛn
de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ,
“Mo na moasɛe me bobe turo;
apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu. 15Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ
na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 16Awurade kasa sɛ,
“Sion mmammaa yɛ ahantan;
wɔnante toto wɔn kɔn,
wɔdeda wɔn ani akyi,
wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa,
na wɔn nan ase nkawa gyegye. 17Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho.
Awurade bɛma wɔn tiri so apa.” 18Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.