Yesaia 3:17
Isaiah 3:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho. Awurade bɛma wɔn tiri so apa.”
Isaiah 3:17 in English
Isaiah 3:17 · Berean Standard Bible
the Lord will bring sores on the heads of the daughters of Zion, and the LORD will make their foreheads bare.*”
Context
15Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ
na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 16Awurade kasa sɛ,
“Sion mmammaa yɛ ahantan;
wɔnante toto wɔn kɔn,
wɔdeda wɔn ani akyi,
wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa,
na wɔn nan ase nkawa gyegye. 17Enti Awurade bɛma tikuro abɛgu Sion mmaa tiri ho.
Awurade bɛma wɔn tiri so apa.” 18Ɛda no Awurade bɛyiyi wɔn afɛfɛdeɛ: nkawa, ntomaban ne kɔnmuadeɛ, 19nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.