Native Bible

Isaiah 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ, “Mo na moasɛe me bobe turo; apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu.

Isaiah 3:14 in English

Isaiah 3:14 · Berean Standard Bible

The LORD brings this charge against the elders and leaders of His people: “You have devoured the vineyard; the plunder of the poor is in your houses.

Context

12Mmabunu hyɛ me nkurɔfoɔ so, mmaa di wɔn so. Ao me nkurɔfoɔ, mo akwankyerɛfoɔ ma mo yera; wɔma mo mane firi kwantempɔn no so. 13Awurade tena ase wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔma ne mu so bu nkurɔfoɔ no atɛn. 14Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ ne akannifoɔ sɛ, “Mo na moasɛe me bobe turo; apoobɔdeɛ a ɛfiri ahiafoɔ nkyɛn wɔ mo afie mu. 15Aseɛ ne sɛn enti na modwɛre me nkurɔfoɔ na mode ahiafoɔ anim twitwiri fam?” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 16Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.