Yesaia 29:2
Isaiah 29:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban; wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom, wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.
Isaiah 29:2 in English
Isaiah 29:2 · Berean Standard Bible
And I will constrain Ariel, and there will be mourning and lamentation; she will be like an altar hearth * before Me.
Context
1Due wo Ariel,
Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!
Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no. 2Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;
wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,
wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya. 3Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;
mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia
na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo. 4Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;
mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.
Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;
wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.