Native Bible

Isaiah 29:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu; mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba. Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ; wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.

Isaiah 29:4 in English

Isaiah 29:4 · Berean Standard Bible

You will be brought low, you will speak from the ground, and out of the dust your words will be muffled. Your voice will be like a spirit from the ground; your speech will whisper out of the dust.

Context

2Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban; wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom, wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya. 3Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia; mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo. 4Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu; mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba. Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ; wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka. 5Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu, na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara. 6Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ, mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.