Yesaia 29:3
Isaiah 29:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia; mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.
Isaiah 29:3 in English
Isaiah 29:3 · Berean Standard Bible
I will camp in a circle around you; I will besiege you with towers and set up siege works against you.
Context
1Due wo Ariel,
Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!
Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no. 2Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;
wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,
wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya. 3Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;
mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia
na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo. 4Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;
mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.
Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;
wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka. 5Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,
na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.
Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.