Yesaia 27:8
Isaiah 27:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso. Wode mframa a ano yɛ den pam no te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.
Isaiah 27:8 in English
Isaiah 27:8 · Berean Standard Bible
By warfare and exile * You contended with her and removed her with a fierce wind, as on the day the east wind blows.
Context
6Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim,
Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ
na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma. 7Awurade abɔ Israel
sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa?
Awurade akum Israel
sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa? 8Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso.
Wode mframa a ano yɛ den pam no
te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no. 9Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie;
yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara:
Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ
mu nketenkete,
na Asera afɔrebukyia
ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio. 10Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan;
atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam;
ɛhɔ na anantwie mma didie,
ɛhɔ na wɔdeda;
wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.