Native Bible

Isaiah 27:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie; yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara: Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ mu nketenkete, na Asera afɔrebukyia ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio.

Isaiah 27:9 in English

Isaiah 27:9 · Berean Standard Bible

Therefore Jacob’s guilt will be atoned for, and the full fruit of the removal of his sin will be this:* When he makes all the altar stones like crushed bits of chalk, no Asherah poles or incense altars will remain standing.

Context

7Awurade abɔ Israel sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa? Awurade akum Israel sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa? 8Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso. Wode mframa a ano yɛ den pam no te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no. 9Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie; yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara: Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ mu nketenkete, na Asera afɔrebukyia ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio. 10Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan; atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam; ɛhɔ na anantwie mma didie, ɛhɔ na wɔdeda; wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa. 11Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni nteaseɛ enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.