Native Bible

Isaiah 27:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni nteaseɛ enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

Isaiah 27:11 in English

Isaiah 27:11 · Berean Standard Bible

When its limbs are dry, they are broken off. Women come and use them for kindling; for this is a people without understanding. Therefore their Maker has no compassion on them, and their Creator shows them no favor.

Context

9Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie; yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara: Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ mu nketenkete, na Asera afɔrebukyia ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio. 10Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan; atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam; ɛhɔ na anantwie mma didie, ɛhɔ na wɔdeda; wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa. 11Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni nteaseɛ enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn. 12Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. 13Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.