Yesaia 27:6
Isaiah 27:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim, Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.
Isaiah 27:6 in English
Isaiah 27:6 · Berean Standard Bible
In the days to come, Jacob will take root. Israel will bud and blossom and fill the whole world with fruit.
Context
4Me bo mfuiɛ.
Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a
anka mene wɔn de bɛbɔ ani;
na mahye wɔn nyinaa. 5Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta
na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho,
aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.” 6Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim,
Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ
na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma. 7Awurade abɔ Israel
sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa?
Awurade akum Israel
sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa? 8Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso.
Wode mframa a ano yɛ den pam no
te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.