Yesaia 26:9
Isaiah 26:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.
Isaiah 26:9 in English
Isaiah 26:9 · Berean Standard Bible
My soul longs for You in the night; indeed, my spirit seeks You at dawn.* For when Your judgments come upon the earth, the people of the world learn righteousness.
Context
7Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa;
Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom. 8Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no,
yɛretwɛn wo;
na wo din ne ne kɛseyɛ
yɛ deɛ yɛn akoma pɛ. 9Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;
anɔpa nso me honhom ani gyina wo.
Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a,
nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ. 10Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ,
nanso wɔnnsua tenenee yɛ;
na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne
na wɔmmu Awurade kɛseyɛ. 11Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro,
nanso wɔnhunu.
Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo;
ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.