Yesaia 26:7
Isaiah 26:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa; Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom.
Isaiah 26:7 in English
Isaiah 26:7 · Berean Standard Bible
The path of the righteous is level; You clear a straight path for the upright.
Context
5Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,
na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;
ɔbubu gu fam pasaa
ma ɛda mfuturo mu. 6Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so
de wɔn nan bɛtiatia so. 7Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa;
Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom. 8Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no,
yɛretwɛn wo;
na wo din ne ne kɛseyɛ
yɛ deɛ yɛn akoma pɛ. 9Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;
anɔpa nso me honhom ani gyina wo.
Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a,
nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.