Native Bible

Isaiah 26:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ deɛ yɛn akoma pɛ.

Isaiah 26:8 in English

Isaiah 26:8 · Berean Standard Bible

Yes, we wait for You, O LORD; we walk in the path of Your judgments. Your name and renown are the desire of our souls.

Context

6Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so de wɔn nan bɛtiatia so. 7Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa; Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom. 8Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ deɛ yɛn akoma pɛ. 9Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ. 10Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ, nanso wɔnnsua tenenee yɛ; na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔmmu Awurade kɛseyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.