Native Bible

Isaiah 24:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”

Isaiah 24:16 in English

Isaiah 24:16 · Berean Standard Bible

From the ends of the earth we hear singing: “Glory to the Righteous One.” But I said, “I am wasting away! I am wasting away! Woe is me.” The treacherous betray; the treacherous deal in treachery.

Context

14Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ. 15Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so. 16Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.” 17Ehu, amena ne afidie retwɛn mo, Ao nnipa a mote asase soɔ. 18Deɛ ehu enti ɔdwane no, ɔbɛtɔ amena mu; deɛ ɔforo firi amena mu no, afidie bɛyi no. Wɔabue nsuo apono wɔ soro, na asase nnyinasoɔ woso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.