Native Bible

Isaiah 24:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.

Isaiah 24:15 in English

Isaiah 24:15 · Berean Standard Bible

Therefore glorify the LORD in the east. Extol the name of the LORD, the God of Israel in the islands * of the sea.

Context

13Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ, anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no. 14Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ. 15Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so. 16Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.” 17Ehu, amena ne afidie retwɛn mo, Ao nnipa a mote asase soɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.