Native Bible

Isaiah 24:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.

Isaiah 24:14 in English

Isaiah 24:14 · Berean Standard Bible

They raise their voices, they shout for joy; from the west * they proclaim the majesty of the LORD.

Context

12Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapono mu nketenkete. 13Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ, anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no. 14Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ. 15Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so. 16Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.