Yesaia 24:18
Isaiah 24:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ehu enti ɔdwane no, ɔbɛtɔ amena mu; deɛ ɔforo firi amena mu no, afidie bɛyi no. Wɔabue nsuo apono wɔ soro, na asase nnyinasoɔ woso.
Isaiah 24:18 in English
Isaiah 24:18 · Berean Standard Bible
Whoever flees the sound of panic will fall into the pit, and whoever climbs from the pit will be caught in the snare. For the windows of heaven are open, and the foundations of the earth are shaken.
Context
16Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ,
“Animuonyam nka Ɔteneneeni no.”
Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba!
Me nnue!
Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ!
Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.” 17Ehu, amena ne afidie retwɛn mo,
Ao nnipa a mote asase soɔ. 18Deɛ ehu enti ɔdwane no,
ɔbɛtɔ amena mu;
deɛ ɔforo firi amena mu no,
afidie bɛyi no.
Wɔabue nsuo apono wɔ soro,
na asase nnyinasoɔ woso. 19Wɔadwiri asase no
na emu apaapae,
na asase awoso ankasa. 20Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ.
Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano;
nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no
na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.