Yesaia 23:11
Isaiah 23:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ, wɔnsɛe nʼaban.
Isaiah 23:11 in English
Isaiah 23:11 · Berean Standard Bible
The LORD has stretched out His hand over the sea; He has made kingdoms tremble. He has given a command that the strongholds of Canaan be destroyed.
Context
9Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,
ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase
na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase. 10Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no
Ao Ɔbabaa Tarsis,
ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio. 11Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so
ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo.
Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ,
wɔnsɛe nʼaban. 12Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara,
Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo!
“Sɔre, tware kɔ Kipro;
ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.” 13Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no,
saa nnipa a seesei wɔnka hwee no!
Asiriafoɔ ayɛ no
beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ;
wɔsisii wɔn ntua aban bebree,
wɔdwirii nʼaban guiɛ
ma ɛdanee mmubuiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.