Yesaia 21:8
Isaiah 21:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so anadwo biara, megyina hɔ.
Isaiah 21:8 in English
Isaiah 21:8 · Berean Standard Bible
Then the lookout * shouted: “Day after day, my lord, I stand on the watchtower; night after night I stay at my post.
Context
6Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:
“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ
na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo. 7Sɛ ɔhunu nteaseɛnam
ne apɔnkɔ akuakuo,
wɔn a wɔtete mfunumu so
ne wɔn a wɔtete nyoma so a,
ɔnwɛn nʼaso
wɛn pa ara.” 8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,
“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so
anadwo biara, megyina hɔ. 9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi
ɔne apɔnkɔ dɔm.
Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,
‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!
Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa
abubu agu fam!’ ” 10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase
meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,
deɛ ɛfiri Asafo Awurade,
deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.