Yesaia 21:6
Isaiah 21:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.
Isaiah 21:6 in English
Isaiah 21:6 · Berean Standard Bible
For this is what the Lord says to me: “Go, post a lookout and have him report what he sees.
Context
4Mʼakoma bɔ paripari,
ehu ma me ho popo;
na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no
abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu. 5Wɔto ɛpono,
wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,
wɔdidi, na wɔnom!
Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,
momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho! 6Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:
“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ
na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo. 7Sɛ ɔhunu nteaseɛnam
ne apɔnkɔ akuakuo,
wɔn a wɔtete mfunumu so
ne wɔn a wɔtete nyoma so a,
ɔnwɛn nʼaso
wɛn pa ara.” 8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,
“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so
anadwo biara, megyina hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.