Native Bible

Isaiah 21:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase meka deɛ mateɛ kyerɛ mo, deɛ ɛfiri Asafo Awurade, deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.

Isaiah 21:10 in English

Isaiah 21:10 · Berean Standard Bible

O my people, crushed on the threshing floor, I tell you what I have heard from the LORD of Hosts, the God of Israel.

Context

8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so anadwo biara, megyina hɔ. 9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, ‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’ ” 10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase meka deɛ mateɛ kyerɛ mo, deɛ ɛfiri Asafo Awurade, deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ. 11Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me firi Seir, “Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye? Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?” 12Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ, “Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa. Sɛ wobɛbisa bio a sane bra bɛbisa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.