Yesaia 21:9
Isaiah 21:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, ‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’ ”
Isaiah 21:9 in English
Isaiah 21:9 · Berean Standard Bible
Look, here come the riders, horsemen in pairs.” And one answered, saying: “Fallen, fallen is Babylon!* All the images of her gods lie shattered on the ground!”
Context
7Sɛ ɔhunu nteaseɛnam
ne apɔnkɔ akuakuo,
wɔn a wɔtete mfunumu so
ne wɔn a wɔtete nyoma so a,
ɔnwɛn nʼaso
wɛn pa ara.” 8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,
“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so
anadwo biara, megyina hɔ. 9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi
ɔne apɔnkɔ dɔm.
Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,
‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!
Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa
abubu agu fam!’ ” 10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase
meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,
deɛ ɛfiri Asafo Awurade,
deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ. 11Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:
Obi frɛ me firi Seir,
“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?
Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.