Yesaia 19:15
Isaiah 19:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ; obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.
Isaiah 19:15 in English
Isaiah 19:15 · Berean Standard Bible
There is nothing Egypt can do— head or tail, palm or reed.
Context
13Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,
wɔadaadaa Memfis* akwankyerɛfoɔ
ne nnipa no ntuanofoɔ
ama Misraim afom ɛkwan. 14Awurade ahwie
anisobirie honhom agu wɔn mu;
wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu,
te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho. 15Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ;
obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire. 16Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.