Native Bible

Isaiah 19:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade ahwie anisobirie honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.

Isaiah 19:14 in English

Isaiah 19:14 · Berean Standard Bible

The LORD has poured into her a spirit of confusion. Egypt has been led astray in all she does, as a drunkard staggers through his own vomit.

Context

12Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu deɛ Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim. 13Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ, wɔadaadaa Memfis* akwankyerɛfoɔ ne nnipa no ntuanofoɔ ama Misraim afom ɛkwan. 14Awurade ahwie anisobirie honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho. 15Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ; obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire. 16Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.