Yesaia 17:11
Isaiah 17:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren. Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.
Isaiah 17:11 in English
Isaiah 17:11 · Berean Standard Bible
though on the day you plant you make them grow, and on that morning you help your seed sprout— yet the harvest will vanish on the day of disease and incurable pain.
Context
9Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan. 10Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa,
na monkaee Ɔbotan no, mo aban no.
Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa
na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne. 11Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ
anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren.
Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ
yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa. 12Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ,
wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye!
Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ,
wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ! 13Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so,
nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri,
te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so
te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.