Yesaia 17:9
Isaiah 17:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.
Isaiah 17:9 in English
Isaiah 17:9 · Berean Standard Bible
In that day their strong cities will be like forsaken thickets and summits, abandoned to the Israelites and to utter desolation.
Context
7Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so
na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no. 8Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a
ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,
na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia
a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia. 9Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan. 10Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa,
na monkaee Ɔbotan no, mo aban no.
Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa
na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne. 11Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ
anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren.
Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ
yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.