Yesaia 17:13
Isaiah 17:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so, nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no.
Isaiah 17:13 in English
Isaiah 17:13 · Berean Standard Bible
The nations rage like the rush of many waters. He rebukes them, and they flee far away, driven before the wind like chaff on the hills, like tumbleweeds before a gale.
Context
11Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ
anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren.
Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ
yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa. 12Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ,
wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye!
Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ,
wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ! 13Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so,
nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri,
te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so
te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no. 14Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu.
Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada!
Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma,
ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.