Yesaia 1:19
Isaiah 1:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a, mobɛdi asase no so nnepa.
Isaiah 1:19 in English
Isaiah 1:19 · Berean Standard Bible
If you are willing and obedient, you will eat the best of the land.
Context
17Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛntenenee
Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran.
Monni mma nwisiaa,
monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn. 18“Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a,
ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a
ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo. 19Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a,
mobɛdi asase no so nnepa. 20Na sɛ moampene na mote atua a,
akofena bɛdi mo nam.”
Awurade na wakasa. 21Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no
adane odwamanfoɔ.
Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma
na anka tenenee te ne mu,
nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.