Yesaia 1:21
Isaiah 1:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no adane odwamanfoɔ. Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma na anka tenenee te ne mu, nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma!
Isaiah 1:21 in English
Isaiah 1:21 · Berean Standard Bible
See how the faithful city has become a harlot! She once was full of justice; righteousness resided within her, but now only murderers!
Context
19Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a,
mobɛdi asase no so nnepa. 20Na sɛ moampene na mote atua a,
akofena bɛdi mo nam.”
Awurade na wakasa. 21Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no
adane odwamanfoɔ.
Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma
na anka tenenee te ne mu,
nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma! 22Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ,
wɔde nsuo afra wo nsã papa mu. 23Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ,
akorɔmfoɔ yɔnkonom;
wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ,
na wɔpere akyɛdeɛ ho.
Wɔnni mma nwisiaa;
na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.