Hosea 7:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnome nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔate me so atua! Anka mepɛ sɛ megye wɔn nanso wotwa atorɔ fa me ho.
Hosea 7:13 in English
Hosea 7:13 · Berean Standard Bible
Woe to them, for they have strayed from Me! Destruction to them, for they have rebelled against Me! Though I would redeem them, they speak lies against Me.
Context
11“Efraim te sɛ aborɔnoma a
wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene.
Ɔfrɛ Misraim,
na wadane akɔ Asiria. 12Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so;
atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa.
Sɛ mete sɛ wɔretu abom a,
mɛkyere wɔn. 13Nnome nka wɔn,
ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho!
Ɔsɛeɛ mmra wɔn so,
ɛfiri sɛ wɔate me so atua!
Anka mepɛ sɛ megye wɔn
nanso wotwa atorɔ fa me ho. 14Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me
mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so.
Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ,
nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho. 15Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den,
nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.