Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Efraim te sɛ aborɔnoma a wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadane akɔ Asiria.

Hosea 7:11 in English

Hosea 7:11 · Berean Standard Bible

So Ephraim has become like a silly, senseless dove— calling out to Egypt, then turning to Assyria.

Context

9Ananafoɔ twe nʼahoɔden, nanso ɔnhunu. Ɛdwono aba ne tiri so, nanso nʼani mmaa so. 10Israel ahantan di adanseɛ tia no, nanso yei nyinaa akyi no ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso. 11“Efraim te sɛ aborɔnoma a wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadane akɔ Asiria. 12Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, mɛkyere wɔn. 13Nnome nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔate me so atua! Anka mepɛ sɛ megye wɔn nanso wotwa atorɔ fa me ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.