Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ, nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.

Hosea 7:14 in English

Hosea 7:14 · Berean Standard Bible

They do not cry out to Me from their hearts when they wail upon their beds. They slash themselves * for grain and new wine, but turn away from Me.

Context

12Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, mɛkyere wɔn. 13Nnome nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔate me so atua! Anka mepɛ sɛ megye wɔn nanso wotwa atorɔ fa me ho. 14Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ, nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho. 15Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me. 16Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛeɛ, wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so. Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ wɔ Misraim asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.