Hosea 5:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ.
Hosea 5:3 in English
Hosea 5:3 · Berean Standard Bible
I know all about Ephraim,* and Israel is not hidden from Me. For now, O Ephraim, you have turned to prostitution; Israel is defiled.
Context
1“Montie mo asɔfoɔ!
Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ!
Monyɛ aso, Ao adehyefie!
Saa atemmuo yi tia mo:
Moayɛ afidie wɔ Mispa,
ne asau a wɔagu no Tabor so. 2Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.
Mɛtwe wɔn nyinaa aso. 3Menim Efraim ho nsɛm nyinaa;
wɔmfaa Israel nhintaa me.
Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman;
na Israel aprɔ. 4“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan
mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn.
Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu;
wɔnnye Awurade nto mu. 5Israel ahantan di tia no.
Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu;
Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.