Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; wɔnnye Awurade nto mu.

Hosea 5:4 in English

Hosea 5:4 · Berean Standard Bible

Their deeds do not permit them to return to their God, for a spirit of prostitution is within them, and they do not know the LORD.

Context

2Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso. 3Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ. 4“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; wɔnnye Awurade nto mu. 5Israel ahantan di tia no. Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu; Yuda nso ne wɔn sunti saa ara. 6Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhunu no, ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.