Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

Hosea 5:2 in English

Hosea 5:2 · Berean Standard Bible

The rebels are deep in slaughter; but I will chastise them all.

Context

1“Montie mo asɔfoɔ! Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ! Monyɛ aso, Ao adehyefie! Saa atemmuo yi tia mo: Moayɛ afidie wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so. 2Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso. 3Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ. 4“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; wɔnnye Awurade nto mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.