Hosea 5:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.
Hosea 5:12 in English
Hosea 5:12 · Berean Standard Bible
So I am like a moth to Ephraim, and like decay to the house of Judah.
Context
10Yuda sodifoɔ no te sɛ
wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.
Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so
te sɛ nsuyire. 11Wɔhyɛ Efraim so,
wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu,
wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi. 12Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim
na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ. 13“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,
na Yuda nso hunuu nʼakuro no,
Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.
Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa.
Nanso wantumi ansa no yadeɛ,
na akuro no nso anwuwu. 14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim
na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.
Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;
Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.