Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

Hosea 5:14 in English

Hosea 5:14 · Berean Standard Bible

For I am like a lion to Ephraim and like a young lion to the house of Judah. I, even I, will tear them to pieces and then go away. I will carry them off where no one can rescue them.

Context

12Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ. 13“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda nso hunuu nʼakuro no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yadeɛ, na akuro no nso anwuwu. 14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn. 15Afei, mɛsane akɔ me nkyi kɔsi sɛ wobɛnya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan; wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.