Hosea 5:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, mɛsane akɔ me nkyi kɔsi sɛ wobɛnya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan; wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”
Hosea 5:15 in English
Hosea 5:15 · Berean Standard Bible
Then I will return to My place until they admit their guilt and seek My face; in their affliction they will earnestly seek Me.”
Context
13“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,
na Yuda nso hunuu nʼakuro no,
Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.
Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa.
Nanso wantumi ansa no yadeɛ,
na akuro no nso anwuwu. 14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim
na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.
Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;
Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn. 15Afei, mɛsane akɔ me nkyi
kɔsi sɛ wobɛnya ahonu.
Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan;
wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.