Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

Hosea 13:7 in English

Hosea 13:7 · Berean Standard Bible

So like a lion I will pounce on them; like a leopard I will lurk by the path.

Context

5Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, asase a ɛso yɛ hye yie no so. 6Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; na wɔn werɛ firii me. 7Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ. 8Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma. Mɛwe wɔn te sɛ gyata; wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu. 9“Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.